Mmoa asana w’akɔ wonkyi

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi aboa wo ama w’akɔ wo man mu no, wɔn a wɔtu wɔn a wɔrekɔ wɔn nkyi fo a wɔn wɔ Austria no hwɛ yɛ saa nnoɔma wei nyinaa:

  • Nkitahodie fa sɛdeɛ wo man no mu teɛ
  • De nsɛm a ɛfa mmoa ahodoɔ ho ma
  • Hwɛ yɛ nhyehyɛeɛ fa akwantuo nkrataa ho
  • Fa ɛka a ɛwɔ sane a woresane akɔ wo man no mu ho
  • Hwɛ yɛ nhyehyɛeɛ fa sɛ wo bɛkɔ (a ewiemhyɛn nkrataa a ɛtumi ma wo tu kwan ka ho)
  • Sɛ ɛbɛtumi, mmoa wɔ Vienna Schwechat ewiemhyɛn gyinabea ansa na w’akɔ ne nhyehyɛeɛ a ɛfa sɛ ɛhyɛn a wo de bɛnante
  • Mmoa a ɛbɛma wonya sikasɛm ho mmoa
  • Sɛ wobɛhia a, apɔmuden ho mmoa mu nkyerɛkyerɛmu, berɛ worekɔ ne berɛ wobɛfiri akwan no mu

Dwumadie ahodoɔ berɛ w’akɔ wonkyi

„EU Reintegration Programme“ (EURP) mmoa a wɔde rema ama w’atumi atena ɔman no mu dwumadie no ma wo mmoa berɛ a wɔne dwumakuo foforɔ a ɛwɔ ɔman no mu ka bɔ mu berɛ a w’akɔduru wo man a wo firi mu no mu.

Mmoa wɔ ɔhare so
Sɛ wɔakɔduru nhyehyɛeɛ a ne boɔ yɛ €615 no, yɛde yɛ mprenpren mmoa berɛ w’aduru wo man no mu, na saa nnoɔma yi ka ho:

  • Obi a wɔrehwɛ ama wo mmoa ama w’atumi atena ɔman no mu bɛma wo akwaaba wɔ ewiemhyɛn gyinabea hɔ na wɔde nnoɔma a wo duru ɔman mu a wɔde ma no ama wo: SIM kaade a nhyehyeɛ nyinaa wɔ so dada, nnoɔma a wɔde siesie wɔn ho (deɛ wɔde twitwiri se, aduro a wɔde twitwiri se, samina, ne deɛ ɛke ka ho), nsuo a ɛwɔ toa mu, baako, wɔbɛnoa aduane ama wo (ɛwɔ hɔ nso sɛ faukya), baako, nnoɔma a mmɔfra de di agorɔ a ɛgyina abɔfra no mfeɛ so
  • wɔbɛfa wo afiri ewiemhyɛn gyinabea hɔ
  • wɔbɛboa wo wɔ w’akwantuo a ɛdi soɔ no mu (nhyehyɛeɛ biara ɛhɔ ho biara ne ɛka biara)
  • beaɛ a wobɛda akɔsi nansa firi berɛ a wobɛduruuiɛ no
  • apɔmuden mu hwɛ mmoa

Sɛ wonhia nnoɔma no mu biara anaa wo hia ɛmu bi a, wobɛnya saa fa no ho sika a ɛwɔ €615 afiri deɛ wɔwɔ wo man no mu no hɔ.

Mmoa ɛbɛkyɛ a wɔde rema ama w’atumi atena ɔman no mu
Ɛbio no, wobɛnya sika a ɛsom €2,000w’akɔduro nhyehyɛeɛ sika. Wobɛnya sika €200 afiri saa sika bɔtene no mu na €1,800 nso ayɛ nnoɔma foforɔ a ɛwɔ sɛ wobɛtumi atena ɔman no mu no nhyehyɛeɛ a yɛne dwumakuo yɛne wɔn akabɔ mu a wɔn wɔ ɔman no mu no bɛyɛ wɔ abosome 6 a ɛdi kan no mu berɛ w’akɔ ɔman no mu no.

Nhyehyɛeɛ wobɛnya a ɛnyɛ sika a wɔde ma wɔ berɛ a w’akɔduru ɔman no mu no bi ne:

  • mmoa a wɔde bɛma wo ama w’abue adwuma kumaa bi (adwumakuo kɛseɛ)
  • adesua ho nnoɔma ne nteteɛ
  • mmoa a ɛbɛma w’atumi awura adwuma mu
  • mmoa a ɛbɛma w’atumi de wo mmɔfra a ɛka wo ho akɔ sukuu
  • mmara ne adwumasɛm ho afutuo mmoa
  • wo ne abusua reka abɔ mu
  • apɔmuden nsɛm ho mmoa
  • mmoa ɛfa adwenem haw ne atenka ho mmoa
  • mmoa a ɛfa adan ne ɛdan mu asiesie ho (ɛdan mu nnoɔma)

Sɛ wo hia nsɛm pii ne sɛdeɛ wobɛyɛ no a, yɛserɛ, wo ne asoeɛ a ɛtu fo fa sɛ wɔbɛsane akɔ w’akyi a ɛwɔ Federal Agency for Reception and Support Services (BBU GmbH) no mu biara a ɛbɛn woɔ no nni nkitaho.


EU Reintegration Programme

Together with local partners, EURP supports returnees in their reintegration process in their countries of origin. For more information please visit the Frontex brochure, website, or contact a return counsellor.

Frontex Logo

We would like to inform you, that after activating, data will be transferred to the provider. Further information you will find in our data protection policy.

Nsɛm biara a ɛfa sɛ Woara Wobɛsane W’akyi Mmoa

We would like to inform you, that after activating, data will be transferred to the provider. Further information you will find in our data protection policy.

Mmoa a wɔde rema ama w’atumi atena ɔman no mu ama Wɔn a Wɔrensane wɔn akyi afiri Austria (BMI)


Get Return Assistance

Contact us, we help!